![Okura Yen Mu](https://source.boomplaymusic.com/group10/M00/08/01/c7237eefa4064a6180489a09b467cf00_464_464.jpeg)
Okura Yen Mu Lyrics
- Genre:Gospel
- Year of Release:2022
Lyrics
Okura Yen Mu - Stella Seal
...
Okura yɛn mu sɛ ɔkɔreɛ ne ne mma
Ɔde yɛn mfomsoɔ akyɛ yɛn oo oo
W’angye yɛn biribiaa adom ne ahummobrɔ ni oo
Awurade y’ɛda w’ase
Sɛ mehwɛ nea w’ayɛ aa
M’ano ntumi nka, m’ano ntumi nka aa aa
Mensi dɛn na m’ada me Nyame ase
Wɔ n’adom bebrebe yi ho
Mentumi mfa m’ano ɛnyi w’ayɛ
Ɛnti Awurade, me de me nnipa dua
Me de bɛbɔ afɔreɛ ama wo
Fa me yɛ nea wopɛ
Awo Awurade yɛda w’ase
Okura yɛn mu sɛ ɔkɔreɛ ne ne mma
Ɔde yɛn mfomsoɔ akyɛ yɛn oo oo
W’angye yɛn biribiaa adom ne ahummobrɔ ni oo
Awurade y’ɛda w’ase
Sɛ m’anda Awurade ase aa
Na m’ayɛ tiafoɔ, na m’ayɛ boniayɛ mmm
Nea w’ayɛ yi deɛ
Ɛboro y’adwene so
Ɛnti Awurade, sɛ nea yɛnka
Sɛ wote sɛ nsenku ne nkenten a yɛde yɛ dede yi a
Na ɛyɛ wo nkoa a
Yɛn weawea w’anim
Yɛde wo nnase nwom na yɛde brɛ wo
Awo Awurade wo sɛ ayeyi
Okura yɛn mu sɛ ɔkɔreɛ ne ne mma
Ɔde yɛn mfomsoɔ akyɛ yɛn oo oo
W’angye yɛn biribiaa adom ne ahummobrɔ ni oo
Awurade y’ɛda w’ase