![Yen Nka Nkyere Yen Agya ft. Asomafo](https://source.boomplaymusic.com/group10/M00/03/09/9c5c6739045e46e4be63a3cb940b050a_464_464.jpg)
Yen Nka Nkyere Yen Agya ft. Asomafo Lyrics
- Genre:Highlife
- Year of Release:2015
Lyrics
Yen Nka Nkyere Yen Agya ft. Asomafo - Yaw Sarpong
...
Yɛn Nka Nkyerɛ Yɛn Agya - Yaw Sarpong & Asomafo
Tiwaa
Sɛ Yehowa hyira wo a,
nea obesuae wo so no
ɛyɛ a na nsɔhwɛ to no
ɛyɛ a na amaneɛ to no
wobɛnom adu bɔne nanso entumi nyɛ wo hwee
aboa teaa bɛforo wo nanso ontumi nka wo da Yesu din mu 2x
Chorus.
Momma yɛnka nkyerɛ agya sɛ, aboa bi akye Joseph
na sɛ Yehowa hyira wo aa
aboa bi bɛkye wo nso na wo nwui
na sɛ Yehowa hyira wo aa
w'awu na sɛ anka wo bɛsɔre Yesu din muuu 2x
Verse 2
Awurade nsa wɔ wo so a
ɔbonsam ne'w bedi asie
ɔbɛma w'akɔ nsɔhwɛɛm
nanso ɛmma w'akoma nhihim
na saa na ɔde yɛɛ Daniel
ɔkyee Daniel kɔto gyata buom
mo aa mo hwɛ gyata aa
wɔnam a ɛkɔm ade wɔn
sɛ wɔnwe Daniel, sɛ wɔnku Daniel
Daniel duu gyata buo no mu
na wɔn nyinaa brɛɛ wɔn ho ase
Sɛ Yehowa hyira wo aa
gyata mpo hu wo aa ɔbɛkotow Yesu din muu
Chorus....
Verse 3
Nipa bebree su sɛ
'wiase ayɛ den ama wɔn
nanso ɛyɛ nokware
asetena mu ayɛ den ampa
nanso ɛɛden ɛɛden sɛn aa
Awurade deɛ onim ne mma
nea ɔfaa Yesu sɛ ne kra, ɛne n'agyenkwa no benya ahotɔ ɔɔɔ, Nipa bebree su sɛ
'wiase ayɛ den ama wɔn
nanso ɛyɛ nokware
asetena mu ayɛ den ampa
nanso ɛɛden ɛɛden sɛn aa
Awurade deɛ onim ne mma
nea ɔfaa Yesu sɛ ne kra, ɛne n'agyenkwa no mmra mmbɛnom nsuo yiii
Chorus... 3x