
Obaa Lyrics
- Genre:World Music/Folklore
- Year of Release:2018
This song is not currently available in your region.
Try the alternative versions below.
Alternative versions:
Lyrics
Obaa - Kwabena Kwabena
...
Aye obaa eee
Mahu wo ama makoma agye me hweem hweem
Makoma gye me hweem hweem
Y3f3r3 wo s3n
Wote been, hwan yere ba ne wo
Nt)n b3n na ɔbaa bɔ wo din kyerɛme me err
Na me mmɔ wo mmrane eee
Mahu wo ama makoma agye me hweem hweem
Aw abidɔba
Wode Daakowa
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Abora
Adutwumwaa
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Mmorosa
Anaasɛ Afrakoma
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Kusiwaa
Nyarko Aboroanoma
Obaa wo din ne wo honam sɛ
Wo de Adomaa
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Okyerekua aah
Maame Serwaa
Mebɔ wo mmrane sɛ Brakatuo medɔ
Nasɛ yefrɛ wo Frema aah
Mebɔ mmrane sɛ Otaatuo
ɔbaa Frema ahoɔfɛ dua eei ɔbaa wo din ne wo honam sɛ oo ahh
Medɔ eii ɔbaa eii
Makyini akyini aa mahyia me dɔfo pa
ɔda makoma pɔn so madamfo ahh
Nokwa sɛm sɛ mɛka ɔdɔ yɛ dɛ oo
Sɛ obi nnɔ wo da aa wose ɔdɔ nyɛ dɛ Manhu no aa na mani agyina
Meho mmoa nyinaa ateta
ɔbaa wonkoaa na wo fata
wokra makoma mu safoa
Wo ne me hemaa
Mene wo ntwe mpena eeei
Woa na mɛ ware woaa aah
Mepɛ wo din kɛkɛ na me mɔ wɔ mmrane ee aw obi dɔ ba
Yaa Asantewaa
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Krobea
Agyeiwaa
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Okodiɛ
Nasɛ yefrɛ wo Fosua
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Odiawoma
ɔbaa Fosuaa ahoɔfɛ dua ee
ɔbaa wo din ne wo honam sɛ oo medɔ eii Maame Serwaa
Mebɔ wo mmrane sɛ Brakatuo Adutwumwaa
Mebɔ wo mmrane sɛ Mmorosa
Nasɛ yɛfrɛ wo Frema ahh
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Otaatuo
ɔbaa Frema ahoɔfɛ dua ee
ɔbaa wo din ne wo honam sɛ ooo
Medɔ ee Medɔ ee
Enti ɔbaa ee, kyerɛ kyerɛ me nnea wopɛ na mɛtɔ ma ma wo oo
Nipa bi ka sɛ sɛbe magyimi
ɛbi bɛka sɛ sɛbe mabɔdam
Wodɔ bɔ me dam koraa mpo aa mepɛ wo Medɔ ee
ɛkɔsi sɛ ɔwuo bɛtete mene wo mmienu ntɛm
ɔbaa mɛdɔ wo nkoaa
Mɛdɔ wonkoaa
ɛkɔsi sɛ owuo bɛtete mene wo mmienu ntɛm
Medɔ ee Mɛdɔ wo nkoaa
Wonkoaa
Ampomaa
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Ahwenie papa bi
Maame Pokuaa
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Kontonko
Nasɛ yɛfrɛ wo Kyeiwaa
Mebɔ wo mmrane sɛ Osem
medɔ ee
Abrefi de ɔkɔtɔ
Mansa nso yɛ Gyasi
Aboagyewaa
Mɛbɔ wo mmrane sɛ Domena
Maame Frimpomaa
Ɛno ne mmrane ne sɛ Kotobre
Nasɛ yefrɛ wo Nyaakowa
Mebɔ wo mmrane sɛ Aboronoma
Nyaakowa Aboronoma
Aboronoma wo din ne wo honam sɛ oo ahh
Medɔ ee