![Odom Honhom](https://source.boomplaymusic.com/group10/M00/06/22/a2d36d8bc0494f1295b2857fac0e9407_464_464.jpg)
Odom Honhom Lyrics
- Genre:Gospel
- Year of Release:2023
Lyrics
Ɔdom honhom' ne me ntra
Na mayɛ ɔdomfo bi
Mada W'asɛm a ɛsa
Yare no adi me bram'
Na maka Kristo ho nsɛm
Ɔdwo ne abòɔd'ru mu
Ɔdom honhom' ne me ntra
Na mayɛ ɔdomfo bi
Nokwar' Honhom ne me ntra
Na mayɛ nokwafo bi
Ma Wo nyansa ne dom no
Nna adi yie wɔ me bram'
Na mede anua-yɛ pa
Maka me Wura ho nsɛm
Nokwar' Honhom ne me ntra
Na mayɛ nokwafo bi
Tema honhom! ne me ntra
Na me nso mayɛ tema
Fa me koma sie se nhw'ren
Wɔ sohwɛ sum bere mu
'Wia pue a, bue pon no mu
Ma wɔnte Ne dɔ hua no
Tema honhom! ne me ntra
Na me nso mayɛ tema
Honhom Tumfo! ne me ntra
Na mayɛ otumfo bi
Na matumi m'agyina
Nea ankonam di nkogu
Anidaso pa mu daa
Na makɔ m'anim ara
Honhom Tumfo! ne me ntra
Na mayɛ Otumfo bi
Honhom Kronkron ne me ntra
Na mayɛ hotefo bi
Na bɔn' afi me ho no
Mabata papa nko ho
Na nea mɛdan biara no
Mede me ho mama Wo
Honhom Kronkron ne me ntra
Na mayɛ hotefo bi