Eye Adom Lyrics
- Genre:Gospel
- Year of Release:2023
Lyrics
Nea mayɛ, nea maka, nea makɔ, nea mahwɛ
Atwe me' afiri Nyame nguankuo no mu o
Nea mayɛ, nea maka nea makɔ, nea mahwɛ
Atwe me' afiri Nyame nguankuo no mu o
Bibia nni hɔ a ɛwɔ m'abrabɔ yi mu a
Ɛno nti Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ me Nyame ba o
Ɛyɛ adom bi na agye me.
Ɛyɛ adom bi na agye me
Sɛ mete ase a Ɛyɛ adom
Ɛyɛ Kristo adom. N'adom ara kwa o
Bibia nni hɔ a ɛwɔ m'abrabɔ yi mu a
ɛno nti Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ me Nyame ba o
Ɛyɛ adom bi na agye me.
Ɛyɛ adom bi na agye me
Sɛ mete ase a Ɛyɛ adom
Ɛyɛ Kristo adom. N'adom ara kwa o
Hu me mmɔbɔ,Yɛ me foforo fa wo mmogyan' te me ho
Na mansan ankɔ bɔne wiase mu biom'
Agyae Hu me mmɔbɔ, Yɛ me foforo fa wo mmogyan' te me ho
Na mansan ankɔ bɔne wiase mu biom'
Sɛ nnɛ wokan me ka Nyame-adehyeɛ-mma ho a
na ɛyɛ oguamaa owui maa me no ntia oh
Ɛyɛ adom bi na agye me.
Ɛyɛ adom bi na agye me
Sɛ mete ase a Ɛyɛ adom
Ɛyɛ Kristo adom. N'adom ara kwa o
Sɛ nnɛ wokan me ka Nyame-adehyeɛ-mma ho a
na ɛyɛ oguamaa owui maa me no ntia oh
Ɛyɛ adom bi na agye me.
Ɛyɛ adom bi na agye me
Sɛ mete ase a Ɛyɛ adom
Ɛyɛ Kristo adom. N'adom ara kwa o
Ɛyɛ adom bi na agye me.
Ɛyɛ adom bi na agye me
Sɛ mete ase a Ɛyɛ adom
Ɛyɛ Kristo adom. N'adom ara kwa o
Ɛyɛ adom bi na agye me.
Ɛyɛ adom bi na agye me
Sɛ mete ase a Ɛyɛ adom
Ɛyɛ Kristo adom. N'adom ara kwa o