
Yemfa Odo Lyrics
- Genre:Afrobeats
- Year of Release:2021
This song is not currently available in your region.
Lyrics
Yemfa Odo - Daddy Lumba
...
Nipa ammɛdi kyɛre pii o
Nti wo to wo nua ɛyɛ kyea no o.
Wiase agyapadeɛ bebirebe yia yɛnfa nkwati asaman kwan wate
Wode w′ani abɔ wo ho safohene deɛ a, asuo wo nkyere boɔ oo
Ɛnti Daddy ei mese, mo mma yɛnfa ɔdɔ o.
Ah Nana Adu Mensah, wofiri Jamasi Kyekyewerɛ, General Pollipo.
Aww paapa ei Nana se,
Owuo atemmuo obia nni hɔ a w'akɔ adi bim pɛn,
Wo mmerɛ no so a na yɛde wo resene o ah Na mese na
Adɛn koraa na adasa mma werɛ tumi firi wɔn ho sei yie,
Tete abakɔsem kyerɛ yɛn sɛ, kom
Fo Anokye bɛpue yɛn man mu a, na ɔyɛ owanwani,
Anokye dua brɔdeɛ a nka ɔtwaa no da noara,
Anokye se ɔrekɔgye awieyɛ aduro aba,
Anokye kɔ yɛ na sɛ w′amma a,
Yɛde bɛtu yɛho fo o na yagyae pɛsɛ me nko me nya yi
Wo yɔnko bi ho kyerɛ no a ɛya boa no
Meni bi na ye di mek) a eyaa gye me o
Mo mma yɛnfa ɔdɔ koro,
Ne akoma koro
Na ewiase yi mu wo sere gye a yɛde ma wo,
Wo muna nso gye a ɛyɛ saa
Nti Lumba mama ei ɛnnɛ mokasa bɔ me abɔdin yi a
Kwadwo, mereyɛ nea metumi biaa ɛbɛyɛ kakra na mawu kɔ o
Oh awerɛhoɔ oo
Sɛ yɛde ewiase agyapadeɛ kɔ a menua nka w'amɛto oo, mans
O ayɛ wo sɛ yareɛ a gyae na fa wo sika boa ahiafoɔ.
Na mese ɛbɛyɛ kakra, nfɔteɛ bɛbisa wo sɛ,
Wagyapadeɛ yi wɔ hen ni oo, wo sika bebirebe yi wɔ hen ni oo,
Wo de anibre gye obi adeɛ aa menua wo bɛ wu agya hɔ.
Wo bɛyɛ bɔne aseɛ wo din asase yi
So deɛ ɛnneɛ yɛ papa ma yɛn tan wo o.
Na me Daddy Lumba e ah obi yɛ me papa bi,
Sɛ manyi na yɛ aa anka yɛ bɛ ka sɛ me yɛ
Boniayɛfoɔ nso me bɔ ne din nso ada na ase a
Kwadwo, nti ne ma aseda nie,
Nti ne din sɛe yi, asukɔnoma nti ma yɛ bɔne bɛn a ah
Nti merebɛwu ama wo bo adwo, wiase ɔfeɛ akyi ni abofono.
Dakro bi wo bɛ sɔre anopa na me ho asɛm ne nam nframa mu se, da
Da daa yɛ a wansɔre oo. Lumba mekɔ mekra akyi,
ɛba no saa me nua fira ɛdwene asa na tutu fufuo hyira wo kra
Wiase yi berima bɛyɛ bi oo wamma ammɛyɛ ne nyinaa.
Nti Lumba e mereyɛ nea mɛtumi biaa, ɛbɛyɛ kakra bi na ma wu kɔ oo,
Ao awerɛhoɔ o, makonta kwadwo wusu, kwadwo wo nso wo nwom ni o
Daddy e mawie yɛ oo nti na ɛyɛ a meti nisuo
Yi a kwadwo, Amanfoɔ e mo mma yɛn fa ɔdɔ oo,
Ɔdasani wawie yɛ oo, me
Nua mo awie yɛ oo ah ghana mma e mo ma yen fa ɔdɔ, one love
Kumawu, Mary e Mary se o, mo mma yɛnfa ɔdɔ o
Bonaparte saarbrucken na ɔteɛ
Bonaparte se, mo mma yɛnfa ɔdɔ oo.shalom
Amanfoɔ ee mo mma yɛnfa ɔdɔ oo.
Written by RICHARD ASAMOAH