
Di Manim ft. Adom Choir & Kwame Twumasi Lyrics
- Genre:Gospel
- Year of Release:2023
Lyrics
Wone mekanea ɛhyerɛn
Wone me poma da nyinaa
Kwankyerɛfo Jesus di m'anim
Fa me twa nsuo ayiri yi
Ɔbra kwantuo yi mu ayɛ den
Asetena yi mu nsɛm adɔɔso
Mene boafo bia gye wo nko
Fa me twa nsuo ayiri yi
Jesus wo nkotoo
Na m'anida woso
Jesus wo nkotoo
Na mewerɛ hyɛ wo mu
Ɔbra kwantuo yi mu ayɛ den
Asetena yi mu nsɛm adɔɔso
Mene boafo bia gye wo nko
Fa me twa nsuo ayiri yi